68
1. Asɛm a yekura mu yi yɛ Yesu Kristo de;
na sɛ ɛyɛ Ne de no nti, yenim sɛ ɛrensɛe
Nanso ɛte sɛ brofua a wodua no ne berem’ a,
enwu wɔ fam a, ɛremfi, ewu a, ɛnna ɛsow pii,
ewu ansa, ewu asow aba.
2. Asɛm a eye ma yɛn sɛ: na wɔde abrɛ yɛn;
na ɛkyerɛ yɛn kwan yiye ma yedu Nyame nkyɛn;
ɛka sɛ: yennye Yesu nni; ɔno na yɛn amane nti,
ofii soro begye yɛn wom’ de yɛn rekɔ n’ahotɔ k’rom’.
Enti momma yɛmfa n’asɛm so daa.
3. O, Yesu a woyɛ yɛn ti, Wuhuu amane pii kɔɔ soro,
na nea ogye di bɛfa saa kwan so bi.
Enti ma yɛn nyinaa ‘ra nnya wo yaw ne w’ahenni no bi;
fa yɛn fa wo wu kwan no so kodu wo soro hann mu hɔ;
gye yɛn wɔ sum ne owu mu kɔ nkwa mu!
Source: Presby Asɔre Dwom nhoma 276Tags PANT PS(A)
Subscribe Our Newsletter
0 Komentar
إرسال تعليق