69
1. Asɛm bi ara a meka no
Ade biara a meyɛ,
Anka ɛsɛ sɛ mibisa Sɛ ɛbɛyɛ Yesu fɛ
2. Daa ɛsɛ sɛ mibisa sɛ
Yesu kaa no saa anaa?
So ɔbɛma me ho kwan a?
Yesu ayɛ saa anaa?
3. So midi me Yesu akyi?
So m’adwene rehwehwɛ’
nea wiase akɔnnɔ ne afɛfɛde kyerɛ?
4. Yesu, ma minhu wo kwan ɛ!
Na ma minhu me koma!
Sɔ me hwɛ, na hu m’adwene!
Ma minni wo akyi daa!
Source: Christoph Karl Ludwig von Pfeil Presby
Asɔ re Dwom Nhoma 603Tags Christoph Karl PAN
Subscribe Our Newsletter
0 Komentar
Post a Comment