45
Anidaso nni baabiar’, onua,
Sɛ Yesu Kristo mu (x2)
Onim ade nyinaa Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awiei
Anidaso nni baabiar’ onua,
Sɛ Yesu Kristo mu
2. Fa wo werɛ hyɛ
Yesu mu daa nyinaa,
Ɔr’nni wo hwammɔ da (x2)
Onim ade nyinaa
Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awiei
Fa wo werɛ hyɛ Yesu mu daa nyinaa,
Ɔr’nni wo hwammɔ da
3. Sɛ nnipa nyinaa yi wo totwene a,
Yesu deɛ Ɔdɔ wo (x2)
Onim ade nyinaa Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awieɛ
Sɛ nnipa nyinaa yi wo totwene a,
Yesu deɛ Ɔdɔ wo
4. Nkwagye nni din biara mu,
Sɛ Yesu Kristo din N’ (x2)
Onim ade nyinaa
Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awiei
Nkwagye nni din biara mu,
Sɛ Yesu Kristo din
5. Sɛ wobɛsom N', adi N’asɛm so a,
Ɔbɛma asi wo yie (x2)
Onim ade nyinaa Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awiei
Sɛ wobɛsom N', adi N’asɛm so a,
Ɔbɛma asi wo yie
6. Ɔyɛ Nyame a Ɔnnsakra ara da
N’ahenni nni awiei (x2)
Onim ade nyinaa Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛ ase ne awiei Ɔyɛ Nyame a
Ɔnnsakra ara da, N’ahenni nni awiei
7. Ɔkasa ma m-frama yɛ komm,
na po asorɔkye nso taa dinn (x2)
Onim ade nyinaa Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awiei Ɔkasa ma m-frama yɛ komm,
na po asorɔkye nso taa din
8. M’agye No adi, na m’adi N’akyi,
Merennyae N’akyi di da (x2)
Onim ade nyinaa Ɔyɛ ade nyinaa
Ɔyɛ ahyɛase ne awiei M’agye
No adi, na m’adi N’akyi, Mer’nnyae
N’akyi di da
Source: Grace Gapketor
Tags Grace Gakpetor PS(A) Theme Song
Subscribe Our Newsletter
0 Komentar
Post a Comment